Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 6:8 - Apam Foforɔ

8 Afei Stefano a na adom ne tumi ahyɛ no ma he, yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne akɛseɛ nnipa he mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 6:8
11 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho deɛ, hoanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a honnye nni.”


Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.


Berɛ a bɛ a bɛte Sanhedrin badwa he mu nyinaa hwɛɛ no dinn he, behuu sɛ n’anim te sɛ bɔfoɔ anim.


Nti anuanom, ho ankasa honhwehwɛ ho mu mmeema nson a hobetumi adi bɛ ho adanse-pa, na Honhom ne nyansa ahyɛ bɛ ma, na yɛmfa saa dwumadie yi nhyɛ bɛ nsa,


Nea bɛkaeɛ he sɔɔ nnipakuo he nyinaa ani, na beyii Stefano a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no mma, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Parmena ne Nikolao a ofiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani he.


Nso esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ ne ma nti, ɔhwɛɛ soro gyee huu Nyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ogyina Nyankopɔn nsa nifa,


Berɛ a nnipakuo he tieeɛ na behuu nsɛnkyerɛnne a Filipo ɔɔyɔ he, bɛde akoma korɔ tiee no.


Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


efiri sɛ, bɛ a bɛsom yie sɛ asomfoɔ he, nya gyinaberɛ pa ma bɛ ho, ɔne nnamyɛ pii Kristo Yesu mu gyidie mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ