Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 6:7 - Apam Foforɔ

7 Na Nyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛeɛ, na asuafoɔ he kɔɔ so yɛɛ dodo ya Yerusalem, na Yudafoɔ som he mu asɔfoɔ mu pii gyee asɛm he diiɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 6:7
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso adikanfoɔ he mu pii bedi akyire, na akyikafoɔ mmom abedi kane.


Afei Simeon hyiraa bɛ, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Hwɛ! Yei ne bɛayi no ama Israelfoɔ bebree sɛ ɔnam ne so nti bɛbɛhwe ase na bebree nso bɛsɔre. Na ɔno nso ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne a bɛbɛkasa atia,


Yei nyinaa akyi he, mpanyimfoɔ he mu pii nso gyee no diiɛ; nso Farisifoɔ he nti bɛanka sɛnea ɔbɛyɛ na bentu bɛ mfiri hyiadane he mu,


Nso Awurade asɛm nyaa nkɔsoɔ na ɔtrɛɛe.


Nso na nkonyaayifoɔ Elima (a Hela kasaa mu bɛfrɛ no Bar-Yesu) ya hɔ; ofirii aseɛ ne bɛ dii asie, pɛɛ sɛ ɔdane amrado he firi gyidie he ho.


Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”


Saa ara ne Awurade asɛm nam ahoɔdene so kɔɔ so trɛeɛ, na aseɛ timiiɛ.


yi Nyankopɔn ayɛ. Na benyaa nnipa he nyinaa anim adom. Na Awurade de bɛ a ɔgyee bɛ he kaa asafo he ho da biaa.


Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho.


Na afei nna he mu a na asuafoɔ he ɔɔdɔɔso he, Yudafoɔ na beka Hela kasa a ɔno nti ne bɛfrɛ bɛ Helenifoɔ he nwiinwii tia Hebrifoɔ he, efiri sɛ na bebu bɛ ani gu Helenifoɔ akunafoɔ he daa daa aduane ma dwumadie so.


Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,


nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu—


na te nkoaa ne na bɛate sɛ, “Nea na kane ɔtaataa yɛ he, saa berɛ yi deɛ, ɔɔka gyidie a na nka ɔsɛe no he ho asɛm.”


Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ.


ɔno nti mu ne meehu amane, na meda mpokyerem sɛ debɔnyɛni. Nso Nyankopɔn asɛm deɛ bɛnkyekyeree no.


Gyidie nti ne bɛfrɛɛ Abraham sɛ ontu nkɔ baabi a daakye bɛde bɛ ma no sɛ n’agyapadeɛ he, ɔyɔɔ setie kɔeɛ berɛ a na onnim baabi a na ɔɔkɔ he.


na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,


Nti adɔfonom, metu ho fo sɛ, honkɔ so nyini ho gyidie kronkron mu, hommɔ mpaeɛ Honhom Kronkron he tumi mu,


Adɔfonom, berɛ a meebɔ mmɔdene atwerɛ ho afa nkwagyeɛ a yɛ nyinaa te mu he ho he, mehuu sɛ ohia sɛ metwerɛ de fa hia ohia sɛ hoyere ho ho gyina gyidie a Nyankopɔn de ahyɛ ahoteefoɔ nsa prɛko he ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ