Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 6:5 - Apam Foforɔ

5 Nea bɛkaeɛ he sɔɔ nnipakuo he nyinaa ani, na beyii Stefano a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no mma, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Parmena ne Nikolao a ofiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 6:5
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hotware po ne asaase kɔ sɛ hokɔsakra nipa baako, na homa saa nipa he bɛyɛ ho fekuoni; na sɛ ɔyɛ a, homma ɔbɛfata brosamgyam amanehunu mprenu sɛ ho ankasa.


Afei bɛ a ahohiahia a ɔnam Stefano so baeɛ he maa bɛbɔ hweteeɛ he kɔeɛaa kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia, nso bɛanka asɛm he ankyerɛ biaa sɛ Yudafoɔ nkoaa.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


Bɛ ho asɛm duruu asafo a ɔya Yerusalem he nkyɛne, na bɛsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.


Na ɔyɛ nipa pa na Honhom Kronkron ne gyidie ayɛ no ma. Na nnipadɔm gyee Awurade diiɛ.


na ohuu no he, ɔde no baa Antiokia. Nti ɔbaa sɛ afe mũ he nyinaa he, bɛne asafo he hyia, na bɛkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii, na Antiokia ne bedii kane frɛɛ asuafoɔ he Akristofoɔ.


Saa nna he mu he, adiyifoɔ firi Yerusalem baa Antiokia.


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu.


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne.


Na berɛ a beehwie wo danseni Stefano mogyaa agu he, na m’ankasa nso megyina hɔ bi a mepenee so, na mehwɛɛ bɛ a beeku no he ntaadeɛ ngugusoɔ so.’


Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.


Nti anuanom, ho ankasa honhwehwɛ ho mu mmeema nson a hobetumi adi bɛ ho adanse-pa, na Honhom ne nyansa ahyɛ bɛ ma, na yɛmfa saa dwumadie yi nhyɛ bɛ nsa,


Afei Stefano a na adom ne tumi ahyɛ no ma he, yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne akɛseɛ nnipa he mu.


Na sɔfo panyini he bisaa sɛ, “Nsɛm yi te saa anaa?”


Saa ara nso ne wowɔ nnipa bi ka wo ho a bedi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi.


“Nso adepa a mahu ne wo ho ne sɛ, wokyiri Nikolaifoɔ nwuma he, na saa ne me nso mekyiri.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ