Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 6:3 - Apam Foforɔ

3 Nti anuanom, ho ankasa honhwehwɛ ho mu mmeema nson a hobetumi adi bɛ ho adanse-pa, na Honhom ne nyansa ahyɛ bɛ ma, na yɛmfa saa dwumadie yi nhyɛ bɛ nsa,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 6:3
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso ɔnsɛ sɛ bɛfrɛ ho Rabi, efiri sɛ ho kyerɛkyerɛfoɔ yɛ baako, na ho nyinaa hoyɛ asuafoɔ.


Nti asɛm yi trɛɛ anuanom he mu sɛ saa suani he onwu; nso Yesu anka sɛ suani he onwu, na mmom ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔbɛtena hɔ akosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?”


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Nti otwa sɛ mmeema a bɛ ne yɛ nateeɛ berɛ a Awurade Yesu ne yɛ dii akɔneaba he nyinaa


Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”


Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.


Na agyidifoɔ a bɛya Listra ne Ikonium he kaa ne ho asɛm pa.


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


“Afei beema bi a bɛfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea Mmara he ɔɔhwehwɛ a Yudafoɔ a bɛtete hɔ nyinaa bɔ no dini pa he


Yehuu agyidifoɔ bi ya hɔ, na bɛsrɛɛ yɛ sɛ yɛntena bɛ nkyɛne nnanson. Na afei yɛkɔɔ Roma.


Nti dummienu he frɛɛ asuafokuo he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔmfata sɛ yebegya Nyankopɔn asɛm hɔ akɔkyekyɛ aduane apono so.


Nea bɛkaeɛ he sɔɔ nnipakuo he nyinaa ani, na beyii Stefano a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no mma, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Parmena ne Nikolao a ofiri Antiokia a wasakra abɛyɛ Yudani he.


Bɛde bɛ begyinaa asomafoɔ he anim, na bɛde bɛ nsa guu bɛ so bɔɔ mpaeɛ maa bɛ.


Berɛ a agyidifoɔ he huu yei he, bɛde no baa Kaesarea; na bɛmaa no kɔɔ Tarso.


Na ɔnam Honhom he so ma bi anyansasɛnka, bi nso ɔma no nimdesɛnka sɛdeɛ Honhom korɔ heaa pɛ.


Na sɛ meba a, mɛma bɛ a hode nwoma bɛma bɛ de akyerɛ sɛ bɛ ne bɛfata sɛ bɛde ho ntoboa he kɔ Yerusalem he de akɔ.


Hommoro nsa, efiri sɛ ɔde basabasa ba; na mmom honhyɛ ma Honhom mu,


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu.


Demetrio deɛ, nnipa nyinaa ne nɔkorɛ he ankasa di ne ho adanse-pa. Na yɛ nso yedi ne ho adanse-pa na honim sɛ nea yɛka he yɛ nɔkorɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ