Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 6:1 - Apam Foforɔ

1 Na afei nna he mu a na asuafoɔ he ɔɔdɔɔso he, Yudafoɔ na beka Hela kasa a ɔno nti ne bɛfrɛ bɛ Helenifoɔ he nwiinwii tia Hebrifoɔ he, efiri sɛ na bebu bɛ ani gu Helenifoɔ akunafoɔ he daa daa aduane ma dwumadie so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 6:1
38 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


na ohuu no he, ɔde no baa Antiokia. Nti ɔbaa sɛ afe mũ he nyinaa he, bɛne asafo he hyia, na bɛkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii, na Antiokia ne bedii kane frɛɛ asuafoɔ he Akristofoɔ.


Nti asuafoɔ he nyinaa bɔɔ bɛ adwene pɔ sɛ bɛde nnoɔma biaa bebetumi ayi bɛkɔ akɔsom agyidifoɔ a bɛya Yudea he,


Na bɛ a bɛde anigyeɛ gyee n’asɛm he maa bɛbɔɔ bɛ asu, na saa da he akra bɛyɛ mpem mmeɛnsa nso bɛyɛɛ asuafoɔ.


Na bɛtɔno nea bɛwɔ ne bɛ agyapadeɛ kyekyɛɛ nea benyaeɛ maa bɛ ho bɛ ho, sɛnea biaa ahiadeɛ teɛ.


yi Nyankopɔn ayɛ. Na benyaa nnipa he nyinaa anim adom. Na Awurade de bɛ a ɔgyee bɛ he kaa asafo he ho da biaa.


bɛhyɛ asomafoɔ he nsa ma bɛkyekyɛ ma biaa sɛnea n’ahiadeɛ teɛ.


Na bɛ a bɛtee asɛm a Petro ne Yohane kaeɛ he mu bebree gye diiɛ, na bɛ dodoɔ bɛyɛ mpemnum.


Na afei, afei, nea ɔkyɛne so ne sɛ mmeema ne mmaa pii a bɛagye Awurade adi he bɛkaa bɛ ho.


na ɔkaa sɛ, “Yɛanhyɛ ho ketee sɛ honyina saa dini yi so nkyerɛkyerɛ? Na afei ɔyɛɛ dɛ ne hode ho nkyerɛkyerɛ yi ahyeta Yerusalem nyinaa, na hoabɔ ho tim pɔ sɛ hode nipa yi mogyaa bebua yɛ atifi.”


Nti dummienu he frɛɛ asuafokuo he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔmfata sɛ yebegya Nyankopɔn asɛm hɔ akɔkyekyɛ aduane apono so.


Na Nyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛeɛ, na asuafoɔ he kɔɔ so yɛɛ dodo ya Yerusalem, na Yudafoɔ som he mu asɔfoɔ mu pii gyee asɛm he diiɛ.


Na ɔne Yudafoɔ a bɛka Hela kasa he kasa dii anobaabaeɛ. Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bebeku no.


Na Petro sɔre ne bɛ kɔeɛ. Na oduruu hɔ he, bɛde no kɔɔ dane he mu abrosane he so; na akunafoɔ he nyinaa de suu baa ne nkyɛne de ntaadeɛ nhyɛaseɛ ne ntaadeɛ ngugusoɔ a Doka yɔeɛ berɛ a ɔya bɛ nkyɛne he bebree kyerɛeɛ.


Ɔtenee ne nsa na ɔmaa no so, na ɔfrɛɛ ahoteefoɔ ne akunafoɔ he de Doka maa bɛ a ɔya nkwa mu.


som adwuma a, ma no nsom; kyerɛkyerɛni a, ma no nkyerɛkyerɛ;


Na honnnwiinwii sɛ binom yɔeɛ na sɛefoɔ he kukuu bɛ he.


Bɛyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Bɛyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Bɛyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi.


betwaa me twetia da ɔtɔ so nwɔtwe, meyɛ Israelni a mefiri Benyamin abusua mu, Hebrifoɔ mu Hebrini; na mmara fam he meyɛ Farisini;


Di akunafoɔ a benni aboafoɔ he ni, na ma bɛ ahiadeɛ nhia wo.


Ansa na bɛde kunafoɔ bi dini bɛka ho he, ɔsɛ sɛ waadi firi mfie aduosia ɔɔkɔ na ɔwɔ ɔno ankasa ne kunu;


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


Anaa hosusu sɛ twerɛsɛm he ka no kwa sɛ, “Nyankopɔn twe honhom a ɔde adua yɛ mu he ho ninkunu?”


Adɔfonom, honngu ahome ntietia ho ho ho ho, na bɛammu ho atɛne. Honhwɛ, temmufoɔ he gyina aboboɔ he ano!


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ