Afei tie! Awurade nsa ya me so, na w’ani befira, a wonhu awia hann kosi berɛ bi.” Amonom hɔaa Bar-Yesu ani so yɛɛ no kusuu na sum duruu no, na okyini hwehwɛɛ nnipa a bɛbɛsɔ ne nsa akyerɛ no kwane.
Yei nti ne menni ho nkyɛne he, meetwerɛ yei abra ho, na sɛ meba a, me ne ho anni no dendene, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ dene na memmfa nsɛe he teɛ.
Mebɔɔ bɛ a bɛyɔɔ bɔne kane he ne bɛ a bɛaka he nyinaa kɔkɔ, saa nso ne seesei a menni ho hɔ he, meebɔ ho kɔkɔ, sɛnea meyɔɔ no berɛ a mebaa ho nkyɛne ne mprenu so he, sɛ meba bio a, menhu bɛ mmɔbɔ,
Na honhwɛ ahokeka a mmɔdene a hobɔ yi ho ho ano, ɔne ahi ne hu ne anigyina ne mmɔdenmmɔ ne asotwe a saa Nyankopɔn kwane so awerɛhodie yi de abra ho. Na bibiaa mu he hoyii ho ho kyerɛɛ sɛnea ho ho teɛ, asɛm he mu.
Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.