Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 5:34 - Apam Foforɔ

34 Nso Farisini bi a bɛfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛni a nkurofoɔ he nyinaa de anidie ma no, sɔre gyinaa Sanhedrin he anim, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa mmeema he mfiri adi kakra.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 5:34
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na nnansa akyi he, behuu no asɔrefie hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ he mfinimfini ootie bɛ na oobisabisa bɛ nsɛm.


Da koro bi, Yesu gu so ɔɔkyerɛkyerɛ he, na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ a befiri nkuraa a ɔya Galilea ne Yudea ne Yerusalem ase aba he nyinaa tete hɔ, na Awurade tumi ya ne so a ɔde bɛsa yadeɛ.


Yesu buaa sɛ, “Nti wo a woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ he, wonnim yeinom?”


“Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.


Na bɛhyɛɛ bɛ sɛ bemfiri dwa he mu mfiri adi, na betuu agyina.


Na bɛtee yei he, bɛkɔɔ asɔredane he mu ahemakye, na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ. Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho he beduruiɛ he, bɛfrɛɛ abadwakuo he ne Israel mpanyimfoɔ nyinaa behyiaeɛ, na bɛsoma ma bɛkɔɔ afiase hɔ sɛ bɛnkɔfa bɛ mmra.


Afei bɛde bɛ begyinaa Yudafoɔ abadwakuo kɛseɛ a bɛfrɛ no Sanhedrin he anim. Na sɔfo panyini he bisabisaa bɛ nsɛm


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Israel mmeema, honhwɛ ho ho yie nea hoayɔ ho adwene sɛ hode bɛyɔ nnipa yi ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ