Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 5:32 - Apam Foforɔ

32 Na yɛyɛ nsɛm he ho adansefoɔ, na Honhom Kronkron a Nyankopɔn de ama bɛ a betie no he nso di adanseɛ.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 5:32
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


na bɛ a bɛne no firi Galilea kɔɔ Yerusalem he huu no nna pii, na seesei bedi ne ho adanseɛ kyerɛ nkurofoɔ.


Petro ne asomafoɔ a bɛaka he buaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sene nnipa.


Na ɔsɔ Honhom Kronkron he ne yɛ ankasa yɛ ani sɛ yɛmmfa adesoa foforɔ biaa nto ho so, gye sɛ yeinom a ohia yi,


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Nso ɔkaa yei faa Honhom a na bɛ a bɛbɛgye no adi he benya he ho, saa berɛ he na Honhom he nnya mmaeɛ, efiri sɛ na bennya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Mprɛnsa so di ne meeba honkyɛne. “Adansefoɔ mmienu anaa mmeɛnsa ano asɛm so ne kwaadu biaa begyina.”


Petro gu so ɔɔkasa he, Honhom Kronkron siane baa bɛ a bɛtee asɛm he nyinaa so.


Yesu yiaa ne Nyankopɔn anyane no; yɛ nyinaa yɛyɛ ho adansefoɔ.


Na ɔyɛ saa Honhom he ankasa ne yɛ honhom ne di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ