Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 5:3 - Apam Foforɔ

3 Petro bisaa sɛ, “Anania, ɛɛne nti ne Satan apirim w’akoma sɛ yi sika a wonyaeɛ firi asaase he tɔno he mu bi sie na bedi torɔ kyerɛ Honhom Kronkron?

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 5:3
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Sɛ bi te ahennie he ho asɛm na ɔnnte aseɛ a, bɔnefoɔ he ba behwim deɛ bɛagu no na akomam he; yei ne deɛ beguu no kwankyɛne he.


Na Satan wuraa Yuda a bɛfrɛ no Iskariot, a na ɔyɛ dummienu he mu baako he mu;


Nti berɛ a na beebedi anwummerɛduane he, na bronsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada sɛ onyi no ma.


Ɔgyee paanoo sini he wieeɛ he, Satan bɛhyɛɛ ne mu. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea woobɛyɔ he, yɔ no ntɛntɛm.”


Na Anania yii sika a benyaeɛ he bi sieeɛ a na ne yerɛ nso nim ho bi, na bɛde nkaeɛ he bɛhyɛɛ asomafoɔ he nsa.


Berɛ a asaase he ya wo nsam he, na ɔnyɛ wo dea? Na wotɔnoeɛ he nso, na ɔnna so nyɛ wo dea anaa? Mmɛ nti na wobɔɔ pɔ a ɔte saa w’akoma mu? Nyankopɔn ne woadi torɔ akyerɛ no, na mmom ɔnyɛ nnipa.”


Na afei Petro bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne ho mmienu ayɔ ho adwene sɛ ho bɛsɔ Nyankopɔn Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, bɛ a bekosiee wo kunu he anammɔno ne ya pono ano he, saa ne bɛbɛsoa wo nso akɔ.”


Ne saa nti hommrɛ ho ho ase nhyɛ Nyankopɔn ase. Honnsi bronsam kwane, na ɔbɛdwane afiri ho nkyɛne.


Homma ho ani nna hɔ, na honwɛne, efiri sɛ, ho tamfoɔ bronsam he nam sɛ gyata a ɔɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ