Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 5:16 - Apam Foforɔ

16 Afei nnipa pii firi nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia he mu nso de ayarefoɔ ne bɛ a ahonhom fi ha bɛ baeɛ, na bɛsaa bɛ nyinaa yadeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 5:16
16 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Herode huu sɛ nsoromma mu animdefoɔ he adaadaa no he, ne bo fuu kɛse paa, na ɔsoma maa bekokuu mmɔfra mmeema a benni mmoroo mfie mmienu nyinaa a bɛya Yerusalem ne ne mpɔtamu, sɛnea berɛ a ohu firii nsoromma mu animudefoɔ he hɔ kyerɛ he.


Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Saa anwummerɛ he bɛde nnipa bebree a bɛwɔ ahohommɔne braa no; ɔde tumi a ɔya n’asɛm mu tutuu ahohommɔne he, na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Da koro bi, Yesu gu so ɔɔkyerɛkyerɛ he, na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ a befiri nkuraa a ɔya Galilea ne Yudea ne Yerusalem ase aba he nyinaa tete hɔ, na Awurade tumi ya ne so a ɔde bɛsa yadeɛ.


Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu dini so yɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ yi.”


Na bɛde ayarefoɔ baa abɔntene bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so sɛnea ɔbɛyɛ a anyeyie koraa he, sɛ Petro ootwam a ne sunsum bɛtɔ bɛ mu bi so.


Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho nyinaa, Sadukifoɔ fekuo a na bɛya hɔ saa bere he sɔreeɛ, na ahoɔyea a ahyɛ bɛ ma nti,


Foforɔ nso ɔma no gyidie Honhom korɔ he a mu, bi nso ɔma no ayaresa adom akyɛdeɛ Honhom baako he a,


Ne saa nti honkeka ho mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ ho ho ho ho, na hommɔ mpaeɛ ma ho ho ho ho, na hoanya ayaresa. Teneneeni mpaebɔ a mu ɔdene tumi yɔ nnoɔma bebree.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ