Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 4:34 - Apam Foforɔ

34 Bɛ mu biaa nni hɔ a na bibi hia no, efiri sɛ na bɛ a bɛwɔ nsaase anaa afie he nyinaa tɔno de nea benya he ba

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 4:34
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo pɛ sɛ wo woyɛ pɛ a, kɔ, tɔno w’ahonyadeɛ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra, bedi m’akyi.”


Na Yesu hwɛɛ no he, ɔdɔɔ no, na ɔkaa sɛ, “Aaka wo adeɛ baako; kɔ, kɔtɔno nea wowɔ, na fa sika he ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na afei bra bedi m’akyi.”


Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no,


“Bio nso, meeka akyerɛ ho sɛ, homfa ahonyadeɛ a ɔntene so nnya nnamfoɔ, na sɛ ɔsa a, bɛagye ho akɔ daa tenabea mu.


Afei Yesu bisaa bɛ sɛ, “Berɛ a mesomaa ho a hoamfa sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa he, bibi hiaa ho anaa?” Bɛkaa sɛ, “Daabi!”


Na bɛtɔno nea bɛwɔ ne bɛ agyapadeɛ kyekyɛɛ nea benyaeɛ maa bɛ ho bɛ ho, sɛnea biaa ahiadeɛ teɛ.


a ɔwɔ asaase bi he, tɔno de sika he bɛhyɛɛ asomafoɔ he nsa.


Na nea hoanya ama no aboro so seesei he, homfa mma bɛ a bɛya ahohiahia mu, na sɛ bɛ nso benya bi ma no boro so a bɛde ama ho, ho ahohiahiaberɛ mu, na ama biaa anya n’ahiadeɛ,


na ama hoanya anidie wiasefoɔ anim na hoamfa ho ho anto biaa so.


na saa yɔ mu ne bɛhyehyɛ fapem pa ama bɛ ho daakye, na bɛanya nkwa a ɔyɛ nkwa mapa.


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ