Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 4:13 - Apam Foforɔ

13 Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 4:13
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.


Petro pie kɔɔ abranaa he so he, abaawa foforɔ huu no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a begyina hɔ he sɛ, “Na beema yi ka Nasareni Yesu ho.”


Mmerɛ kakra akyi he, bɛ a begyina hɔ he bi baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nɔkwasɛm, wo nso woka bɛ ho, na wo kasaa kyerɛ saa.”


Nti Yesu somaa Petro ne Yohane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na honkosiesie Twam aduane he mma yemmedi.”


Na Yesu huu ne maame ne suani a ɔdɔ no he sɛ ogyina ne maame nkyɛne he, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Baa, hwɛ, wo ba beema di.”


Na yei yɛɛ Yudafoɔ he nwanwa ma bɛkaa sɛ, “Ɔyɛɛ dɛ ne nipa a onsuaa nwoma biaa yi nim nwoma saa?”


Na nnipakuo yi a bennim mmara he—bɛadome bɛ!”


Na bɛhwɛɛ nipa a bɛasa no yareɛ he sɛ ogyina Petro ne Yohane nkyɛne he, bɛanya hwee anka antia bɛ.


Nso Petro ne Yohane buaa bɛ sɛ, “Sɛ ɔtene Nyankopɔn anim sɛ yetie ho sene Nyankopɔn a, ho ankasa hommua.


Na afei, Awurade, hwɛ bɛ ahunahuna, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm,


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Nti Barnaba boaa no de no kɔɔ asomafoɔ he nkyɛne, na ɔkaa sɛnea ɔde akokoɔduro akasa Yesu dini mu Damasko he ho nsɛm nyinaa kyerɛɛ bɛ.


Na ɔne bɛ tenae, dii akɔneaba Yerusalem, kasaa Awurade dini mu akokoɔduro so.


na Nyankopɔn fa deɛ wiase bu no sɛ nkwaseadeɛ de hyɛ anyansafoɔ aniwuo; Nyankopɔn fa deɛ ɔmmerɛ wiase de hyɛ ahoɔdenfoɔ aniwuo.


Na deɛ ɔnye nni he, sɛ n’ahintasɛm da adi a, ɔkoto de n’anim butu fam, Nyankopɔn anim ne ɔsom no pae mu ka sɛ, ampa Nyankopɔn ne ho ya hɔ.


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ