Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 3:6 - Apam Foforɔ

6 Nso Petro kaa sɛ, “Sika anaa dwetɛ deɛ menni bi, na mmom nea mewɔ ne mede ma wo yi; sɔre nante Yesu Kristo, Nasareni he, dini mu.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 3:6
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Hommfa sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ, anaa kɔɔbere ngu abɔsoɔ mu,


Saa da he, bebree bebisa me sɛ, Awurade, Awurade, yɛamfa wo dini anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo dini antutu ahonhommɔne, na yɛamfa wo dini annyɔ tumideɛ pii anaa?


Waayɔ deɛ obetumi; wasra me nipadua de ɔɔtwɛne me sie da.


Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ.


Pilato twerɛɛ asɛm bi bɔɔ asennua he atifi. Ɔtwerɛɛ sɛ, “Yesu Nasareni, Yudafoɔ hene he.”


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Ɔkɔɔ so yɔɔ saa nna pii. Na ɔyɛɛ Paulo ahomte ma ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ honhom he sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo dini mu sɛ firi ne mu firi” Na ofirii ne mu saa dɔno heaa.


“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;


Nti ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Nyankopɔn ayɔ Yesu yi a hobɔɔ no asennua mu he Awurade ne Kristo.”


Nti gyidie a yɛwɔ ya ne dini mu ne ama beema a hohu no na honim no yi anya ahoɔdene, na Yesu mu gyidie ne ama beema yi ho atɔ no korakora ya ho nyinaa ho anim yi.


Nti ɔhwɛɛ bɛ susuu sɛ obenya bibi afiri bɛnkyɛne.


Nti ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so. Na amonom hɔaa ne nane ne ne nanpɔ so yɛɛ dene.


hedeɛ ho ne nnipa a hoya Israel nyinaa nhu sɛ ɔnam Nasareni Yesu Kristo a hobɔɔ no asennua mu a Nyankopɔn nyane no firii awufoɔ mu he dini so ne saa beema yi nyaa ayaresa.


Na bɛde Petro ne Yohane begyinaa bɛ mfimfini firi aseɛ bisabisaa bɛ sɛ: “Mmɛ tumi ne hode yɔɔ yei anaa hwane dini mu ne hoyɔɔ saa?”


Na Petro ka kyerɛ no sɛ, “Aenia, Yesu Kristo asa wo yadeɛ. Sɔre na woaa sɛ wo kɛtɛ.” Na ntɛmaa ɔsɔreeɛ.


Ɔde besi saa dɔno yi kɔm ne sukɔm de yɛ, yɛdeda adagya, bɛhwe yɛ na yenni baabi te.


sɛ nnipa a beedi awerɛhoɔ, nso yɛ ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nso yɛma nnipa bebree nya bɛ ho; sɛ nnipa a benni hwee nso yɛwɔ nnoɔma nyinaa.


Sɛ bi wɔ pɛ sɛ ɔde bibi kyɛ nkoaa deɛ a, hedeɛ Awurade hwehwɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ ne bɛkyɛ na mmom, ɔnyɛ nea onni.


Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Honhom mu adom a biaa anya he, onnyina so mfa nsom afoforɔ sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ he ho fie ahwɛfoɔ pa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ