2 Na nkurofoɔ so beema bi a bɛwoo no he na ɔyɛ bubuani; na daa bɛde no ba asɔrefie pono a bɛfrɛ no Pono Fɛɛfɛ he ano ma no bɛsrɛ bɛ a bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he hɔ sika.
Na hiani bi a bɛfrɛ no Lasaro a ne ho nyinaa atutu akuro taa kɔtena n’aboboano,
Na berɛ a ɔɔbɛne Yeriko he, na nifirani bi te kwankyɛne ɔɔsrɛsrɛ adeɛ.
Ne mpɔtamufoɔ ne bɛ a na benim no sɛ na ɔyɛ srɛsrɛfoɔ he kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema a na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ he di?”
Na ɔkaa sɛ, ‘Konelio Nyankopɔn atie wo mpaebɔ na w’adɔeɛ aduru n’anim.
Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim.
Na beema bi ya Listra a ɔte hɔ a ontumi nnyina ne nane so, efiri sɛ na ɔyɛ bubuani firi ne maame yam.
na behuu sɛ ɔyɛ ɔno ne na ɔtena Pono Fɛɛfɛ he ano srɛsrɛ sika he, na nea asi he yɛɛ bɛ nwanwa ne ahodwiri.
Na beema a bɛnam anwanwakwane so saa no yadeɛ he adi boro mfie aduannan.