Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 3:16 - Apam Foforɔ

16 Nti gyidie a yɛwɔ ya ne dini mu ne ama beema a hohu no na honim no yi anya ahoɔdene, na Yesu mu gyidie ne ama beema yi ho atɔ no korakora ya ho nyinaa ho anim yi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 3:16
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔkaa sɛ, “Bra!” Nti Petro si firii kodoɔ he mu, firii aseɛ nantee nsuo he so sɛ ɔɔkɔ Yesu nkyɛne.


Yesu danee ne ho, na ohuu no he, ɔkaa sɛ, “Babaa, ma w’akoma ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.” Na amonom hɔaa baa he nyaa ayaresa.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.


Sɛ hotumi twa nipa twetia homeda sɛ ɔbɛyɛ a ɔnto Mose mmara he a, ɛɛne nti ne ho bo afu me sɛ mama bi ho ayɛ ne dene homeda?


Otiee Paulo bere a na ɔɔkasa he. Na Paulo hwɛɛ no gyee na ohuu sɛ ne gyidie betumi ama ne ho ayɛ no dene,


Ɔkɔɔ so yɔɔ saa nna pii. Na ɔyɛɛ Paulo ahomte ma ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ honhom he sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo dini mu sɛ firi ne mu firi” Na ofirii ne mu saa dɔno heaa.


Nso Petro kaa sɛ, “Sika anaa dwetɛ deɛ menni bi, na mmom nea mewɔ ne mede ma wo yi; sɔre nante Yesu Kristo, Nasareni he, dini mu.”


Ohuri gyinaeɛ, na ofirii aseɛ nanteeɛ, na ɔne bɛ kɔɔ asɔrefie hɔ a na oohurihuri na ooyi Nyankopɔn ayɛ.


hedeɛ ho ne nnipa a hoya Israel nyinaa nhu sɛ ɔnam Nasareni Yesu Kristo a hobɔɔ no asennua mu a Nyankopɔn nyane no firii awufoɔ mu he dini so ne saa beema yi nyaa ayaresa.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu dini so yɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ yi.”


Na bɛde Petro ne Yohane begyinaa bɛ mfimfini firi aseɛ bisabisaa bɛ sɛ: “Mmɛ tumi ne hode yɔɔ yei anaa hwane dini mu ne hoyɔɔ saa?”


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ