Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 3:14 - Apam Foforɔ

14 Na hopoo Kronkronni ne Hoteeni he, na hosrɛɛ sɛ bennyae wudini he ma ɔnkɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 3:14
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na ɔteaam sɛ, “Ɛɛne ne yɛne wo wɔ yɔ, Nasareni Yesu? Wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ anaa? Menim wo, Nyankopɔn Kronkronni.”


Adiyifoɔ he mu hwane ne ho agyanom antaa no? Bekuu bɛ a bɛhyɛɛ nkɔm faa Kronkronni he mmaeɛ ho, na afei hoayi no ama bɛaku no.


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Na Herode ne Pontio Pilato ne amanamane mufoɔ ne Israelfoɔ ka boom tiaa w’akoa kronkron Yesu a woasra no


Hoabu teneneeni fɔ na hoaku no a onsi ho kwane.


Na afei ɔkaa sɛ, ‘Yɛ nananom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛdeɛ, na hu Teneneeni he na tie ɔno ankasa nne,


“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.


Me mma nkumaa, meetwerɛ yei abra ho na aboa ho ama hoanyɔ bɔne; na sɛ bi yɔ bɔne a, yɛwɔ kamafoɔ bi ya Agya he nkyɛne, ɔno ne Yesu Kristo teneneeni he.


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


efiri sɛ wonnya me kra Asamando, na womma wo Kronkronni he nipadua mporɔ.


Na ogyaa deɛ sakasaka ne awudie nti bɛde no kɔtoo afiase maa bɛ sɛnea bɛsrɛɛ no sɛ ɔnyɔ he; nso oyii Yesu maeɛ sɛdeɛ na bɛɛpɛ he.


Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba.


Nso asɔfoɔ mpanyimfoɔ he tutu guu nnipadɔm he asom sɛ onyi Baraba mmom.


Na beema bi a bɛfrɛ no Baraba ne amammɔfoɔ a bɛnam atuateɛ so dii awu gu afiase hɔ.


Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne mane mpanyimfoɔ he bɔɔ nnipadɔm he aso sɛ bɛmma bennyae Baraba, na benku Yesu mmom.


tenenee ho, efiri sɛ meekɔ Agya he nkyɛne, na honhu me bio;


Bɛteaam kaa sɛ, “Ɔnyɛ yie, na mmom Baraba!” Na Baraba yɛ dwotwafoɔ.


na ɔkaa sɛ, “Yɛanhyɛ ho ketee sɛ honyina saa dini yi so nkyerɛkyerɛ? Na afei ɔyɛɛ dɛ ne hode ho nkyerɛkyerɛ yi ahyeta Yerusalem nyinaa, na hoabɔ ho tim pɔ sɛ hode nipa yi mogyaa bebua yɛ atifi.”


Na bɛanhu hwee a ɔkyerɛ sɛ ɔsɛ wuo deɛ, nso bɛkaa sɛ Pilato mma benku no.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ