Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 3:13 - Apam Foforɔ

13 Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 3:13
46 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.


na bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa ama bɛadi ne ho fɛw na bɛabɔ no mmaa, na bɛabɔ no asennuam, na da a ɔto so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


‘Meyɛ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn anaa’? Ɔnnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn.”


Bɛkyekyere no, na befirii adi de no kɔhyɛɛ Pilato a na ɔyɛ amrado he nsa.


Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


Nso asɔfoɔ mpanyimfoɔ he tutu guu nnipadɔm he asom sɛ onyi Baraba mmom.


Nso Petro sanee sɛ, “Baa, mennim no.”


Afei Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipakuo he sɛ, “Menhu bɔne biaa beema yi ho.”


“Bio nso, hommu atɛne na bɛammu ho atɛne; na hommu fɔ na bɛammu ho fɔ. Homfa nkyɛ na bɛde akyɛ ho.


Nso n’asuafoɔ he ante yeinom ase saa berɛ he; na Nyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyi he ne bɛkae sɛ bɛatwerɛ yeinom afa ne ho, na bɛayɔ nea bɛatwerɛ he nyinaa ama no.


Bɛteaam kaa sɛ, “Ɔnyɛ yie, na mmom Baraba!” Na Baraba yɛ dwotwafoɔ.


Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”


Ofiri saa berɛ he Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ kwane a ɔbɛfa so agyae Yesu, nso Yudafoɔ he teaam kaa sɛ, “Sɛ wogyae beema yi a na wonyɛ Kaesare adamfo. Nipa biaa a ɔyɛ ne ho sɛ hene he kasa tia Kaesare.”


Bɛteaam sɛ, “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!” Pilato bisaa bɛ sɛ, “Memmɔ ho Hene he asennua mu?” Asɔfoɔ mpanyimfoɔ he buaa sɛ, “Yenni hene biaa ka Kaesare ho.”


Nso ɔkaa yei faa Honhom a na bɛ a bɛbɛgye no adi he benya he ho, saa berɛ he na Honhom he nnya mmaeɛ, efiri sɛ na bennya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Na afei ɔkaa sɛ, ‘Yɛ nananom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛdeɛ, na hu Teneneeni he na tie ɔno ankasa nne,


Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di.


Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi?


Berɛ a Nyankopɔn somaa n’Akoa he, ho nkyɛne ne ɔmaa no baa kane sɛ ɔmmɛdane ho nyinaa mfiri ho nneyɔeɛ bɔne ho na onhyira ho.”


Na Herode ne Pontio Pilato ne amanamane mufoɔ ne Israelfoɔ ka boom tiaa w’akoa kronkron Yesu a woasra no


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu dini so yɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ yi.”


“Me ne wo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.” Mose ho hyɛɛ aseɛ sɛ ɔɔpopo nti wannya akokoɔduro sɛ ɔɔkɔ so ahwɛ adekorɔ he bio.


bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.


na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ