Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 3:10 - Apam Foforɔ

10 na behuu sɛ ɔyɛ ɔno ne na ɔtena Pono Fɛɛfɛ he ano srɛsrɛ sika he, na nea asi he yɛɛ bɛ nwanwa ne ahodwiri.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 3:10
12 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na asaase he sofoɔ huu no he, bɛde nkra kɔmaa bɛ a bɛtete mpɔtamu hɔ nyinaa ma bɛde ayarefoɔ a bɛya hɔ nyinaa braa no,


Yei yɛɛ bɛ nyinaa nwanwa, na bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Ei! Abɛ asɛm di? Ɔde tumi ne ahoɔdene hyɛ ahonhom fĩ ma befiri adi!”


Afei bɛ nyinaa bɛho dwirii bɛ Nyankopɔn tumi kɛseɛ he ho. Na berɛ a nnoɔma a ɔyɔeɛ he nyinaa yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ:


Agya he dɔ Ba he, na ɔbɛkyerɛ no nnoɔma a ɔno ankasa yɔ nyinaa. Na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ asene yeinom na ayɛ ho nwanwa.


Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi anaa n’awofoɔ ne yɔɔ bɔne, na mmom bɛwoo no anifra mu senea ɔbɛyɛ a Nyankopɔn nnwuma bɛda adi ne mu.


Ne mpɔtamufoɔ ne bɛ a na benim no sɛ na ɔyɛ srɛsrɛfoɔ he kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema a na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ he di?”


Na ɔyɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Yei kyerɛ sɛ?”


Na ɔyɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na bebisaa sɛ, “Aa! Bɛ a bɛɛkasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ?


Na nkurofoɔ so beema bi a bɛwoo no he na ɔyɛ bubuani; na daa bɛde no ba asɔrefie pono a bɛfrɛ no Pono Fɛɛfɛ he ano ma no bɛsrɛ bɛ a bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he hɔ sika.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ