Na suani a Yesu dɔ no he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɔyɛ Awurade!” Petro tee sɛ ɔyɛ Awurade he, ɔde n’ataadeɛ kyekyeree ne ho, efiri sɛ na ɔda adagya, na ohuri kɔhwee po he mu.
Na Konelio kaa sɛ, “Nnannan di, saa berɛ yi muaa, na meya me fie awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na hwɛ, beema bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyerɛnhyerɛn begyinaa m’anim.
Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.
na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.