Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 27:4 - Apam Foforɔ

4 Esiane sɛ yetuu hɔ he, na mframa ɔɔbɔ hyia yɛ nti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 27:4
10 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa berɛ yi na kodoɔ he mmɛne asaase koraa, na na asorɔkye he ama nnoɔma mu ayɛ dene, efiri sɛ na mframa he bɔ tia bɛ.


Na ohuu sɛ mframa dendene ɔɔbɔ hyia bɛ na ama hare ayɛ dene ama bɛ he, ɔbaa bɛnkyɛne anɔpa tutuutu, na ɔɔnante po he so. Ɔyɔɔ n’adwene sɛ ɔbetwam bɛ ho.


Da koro bi, Yesu ne n’asuafoɔ he kɔtenaa kodoɔ bi mu, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Homma yentwa nkɔ tadeɛ he agya nohoa.” Nti besiim kɔeɛ.


Nti, saa mmeema yi a Honhom Kronkron asoma bɛ he kɔɔ Seleukia, na befirii hɔ de po so hyɛne kɔɔ Kipro.


Yei de akasakasaa a mu ɔdene baeɛ, na bedii mpaepaemu; Barnaba faa Marko kaa ne ho ma bɛfaa po so hyɛne de kɔɔ Kipro.


Asuafoɔ a bɛya Kaesarea nso ne yɛ kɔeɛ de yɛ koduruu Kiproni Minason a na ɔyɛ asuafoɔ adikanfoɔ he mu bi fie. Na yɛ ne no tenaeɛ.


Afei yeduruu baabi a na yɛ ani tua Kipro he, yetwaam kɔɔ Siria berɛ a na yɛagya kuro he yɛ benkum so, na yekogyinaa Tiro, efiri sɛ hɔ ne na bebeyi kodoɔ he mu nnoɔma.


Hyɛne he kɔɔ bɔkɔɔ ma yedii nna pii ya po he so. Yɛbrɛeɛ ansa na yeeduru Kinido. Esiane sɛ na mframa ɔɔbɔ hyia yɛ nti, yɛfaa Kreta anaafoɔ fam baabi a na hɔ dwo sanee Salmone ho.


Nti Yosef a asomafoɔ he too ne dini Barnaba, a asekyerɛ ne Futufoɔ, Lewini a ofiri Kipro,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ