Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 26:5 - Apam Foforɔ

5 Benim me firi mmerɛtentene, na bɛpɛ a bebetumi adi ho adanseɛ sɛ, mebɔɔ mebra sɛnea yɛ som mu amanneɛ teɛ pɛpɛɛpɛ sɛ Farisini.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 26:5
7 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Farisifoɔ he mu binom a bɛagye Nyankopɔn asɛm adi he sɔre kaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ betwa bɛ twetia na bɛhyɛ bɛ sɛ benni Mose mmara so.”


“Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.


sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ badwa he nyinaa di me adanseɛ. Megyegyee tumi-krataa firii bɛ hɔ de kɔmaa anuanom a bɛya Damasko. Na mesiim sɛ meekɔ Damasko akɔkyekye nnipa a bɛya hɔ a bɛnam Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so de bɛ aba Yerusalem ama bɛatwe bɛ aso.


Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.”


Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di.


Yɛahu beema yi sɛ busuyefoɔ a otutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma bɛte atua asaase nyinaa so, na ɔyɛ Nasarefoɔ kuo he mu panyini.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ