Nea bɛaka afa wo ho akyerɛ bɛ ne sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a bɛya Amanamane mu nyinaa sɛ bɛmmane mfiri Mose mmara he ho, na woka kyerɛ bɛ sɛ benntwa bɛ mma twetia na bennni amanneɛ he so.
Berɛ a amrado he maa Paulo kwane sɛ ɔnkasa he, obuaa sɛ, “Esiane sɛ menim yie sɛ woayɔ mane yi temmufoɔ mfie pii nti, ɔyɛ me anigyeɛ sɛ meeyi m’ano m’asɛm yi ho.
Nso mennim asɛm a mentwerɛ mfa ne ho nkɔma yɛ Wura. Nti mede no baa ho anim, titire wo Hene Agrippa, na sɛ wohwehwɛ asɛm he mu wie a, manya bibi atwerɛ,
Nɔkwasɛm di, hene a mede akokoɔduro ɔɔkasa akyerɛ no yi nim saa nsɛm yi mu yie, na menim sɛ nsɛm yi mu biaa nni hɔ a ahinta no, efiri sɛ ɔnyɛ adeɛ a bɛyɔɔ no kokoam.
na yɛ mmusuakuo dummienu he som Nyankopɔn anibereɛ so, awia ne anadwo a bɛ ani da so sɛ bɛ nsa bɛka saa bɔhyɛ yi. Nimuonyamfoɔ, saa anidasoɔ yi ho na Yudafoɔ abɔ me soboɔ yi.