Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 22:4 - Apam Foforɔ

4 Na metaa bɛ a bɛfa Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so kosii sɛ mede binom mpo kɔɔ wuom. Me kyekyee mmeema ne mmaa nyinaa ma bɛde bɛ guu afiase,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 22:4
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na odii yɛ ne Paulo akyi teateaam sɛ, “Nnipa yi yɛ Sorosoro Nyankopɔn nkoa a bɛɛpae mu aka nkwagyekwane ho asɛm akyerɛ ho.”


Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde akokoɔduro ɔɔkasa hyiadane he mu, nso berɛ a Priskila ne Akwila tiee no he, bɛfaa no kɔɔ nkyɛne baabi kyerɛkyerɛɛ no Nyankopɔn kwane he mu pɛpɛɛpɛ.


Saa bere no sakasaka kɛseɛ bi sɔreeɛ a na ɔfa gyidie Kwane He ho.


Nso berɛ a binom prim bɛ akoma na bɛannye anni, na bɛkekaa gyidie Kwane He ho nsɛmmɔne nnipadɔm he anim he, ɔtwee ne ho yii asuafoɔ he firii bɛ mu, na daa na ɔka asɛm Tirano suadane he mu.


Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di.


Na bɛde no firii kuro he mu he, befirii aseɛ sii no aboɔ. Na adansefoɔ he de bɛ ntaadeɛ ngugusoɔ guu abranteɛ bi a bɛfrɛ no Saulo nane ase.


Nso ɔyɛɛ bɛ a beetie no he nyinaa nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei na ɔsɛe bɛ a bɛbɔ dini yi Yerusalem he? Ɔnyɛ ɔno ne ɔde botaeɛ koro heaa baa ha sɛ ɔɔbɛkye bɛ de bɛ akɔma asɔfo mpanyimfoɔ he?”


Na me ne asomafoɔ he mu kaakyire, na mensɛ sɛ bɛfrɛ me somafoɔ mpo, efiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo.


Menim paa sɛ hoate abrabɔ a medii kane bɔɔ sɛ Yudani he ho asɛm. Metaa Nyankopɔn asafo he maa no traa so, na mebɔɔ mmɔdene sɛ mɛsɛe no koraa.


mmɔdenmmɔ fam he, metaa asafo he; mmara he mu tenenee fam he, me ho nni asɛm biaa.


Nnipa bebree bɛfa akohwibra so; na esiane nea bɛyɔ he nti, nnipa bɛkasa atia nɔkorɛ kwane he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ