Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 22:3 - Apam Foforɔ

3 “Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 22:3
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na saa baa yi wɔ nuabaa bi a bɛfrɛ no Maria, na ɔno deɛ ɔtenaa Awurade nane ase tiee asɛm a na ɔɔka he.


Na nnansa akyi he, behuu no asɔrefie hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ he mfinimfini ootie bɛ na oobisabisa bɛ nsɛm.


Afei nkurofoɔ baa sɛ bɛbɛhwɛ nea asi, na bɛbaa Yesu nkyɛne behuu beema a bɛatu honhommɔne afiri ne mu he sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te Yesu nane ase, a n’dwene mu ate; na bɛ ho dwirii bɛ.


Na afei Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo,


Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.


Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ he dene.


Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho.


Paulo buaa sɛ, “Meyɛ Yudani a mefri Tarso a ɔya Kilikia, kuro a odi mu he mu. Nti mesrɛ wo ma me kwane na me ne me manfoɔ he nkasa.”


Na amrado he kenkane nwoma he wieeɛ he, obisaa mane korɔ a ofiri mu; na ɔtee sɛ ofiri Kilikia he,


Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.”


Benim me firi mmerɛtentene, na bɛpɛ a bebetumi adi ho adanseɛ sɛ, mebɔɔ mebra sɛnea yɛ som mu amanneɛ teɛ pɛpɛɛpɛ sɛ Farisini.


“Me nso, na medwene me mu sɛ ɔsɛ sɛ meyɔ nnoɔma pii de ko tia Nasareni Yesu dini,


Nso Farisini bi a bɛfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛni a nkurofoɔ he nyinaa de anidie ma no, sɔre gyinaa Sanhedrin he anim, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa mmeema he mfiri adi kakra.


Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.


Na Saulo a na ɔda so hunahuna Awurade asuafoɔ he na ɔpɛ sɛ okuku bɛ he kɔɔ sɔfo panyini he nkyɛne


Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na kɔ brɔno a bɛfrɛ no Tee he so, na kɔ Yuda fie kɔhwehwɛ beema bi a bɛfrɛ no Saulo, a ofiri Tarso he. Na hwɛ, ɔɔbɔ mpaeɛ,


Berɛ a agyidifoɔ he huu yei he, bɛde no baa Kaesarea; na bɛmaa no kɔɔ Tarso.


Afei meebisa sɛ, nti Nyankopɔn apo ne nkurofoɔ? Daabi da! M’ankasa meyɛ Israelni a meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusuakuo mu.


Bɛyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Bɛyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Bɛyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi.


Mekɔɔ nkane Yuda som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree, efiri sɛ meyɛɛ nam nananom atetesɛm mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ