Afei bɛ a ahohiahia a ɔnam Stefano so baeɛ he maa bɛbɔ hweteeɛ he kɔeɛaa kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia, nso bɛanka asɛm he ankyerɛ biaa sɛ Yudafoɔ nkoaa.
Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse.
Afei yeduruu baabi a na yɛ ani tua Kipro he, yetwaam kɔɔ Siria berɛ a na yɛagya kuro he yɛ benkum so, na yekogyinaa Tiro, efiri sɛ hɔ ne na bebeyi kodoɔ he mu nnoɔma.