Na behunahunaa bɛ bio he, begyae bɛ esiane sɛ bɛannya bibiaa a bebegyina so atwe bɛ aso ɔnam nkurofoɔ he nti, efiri sɛ, na nkurofoɔ he nyinaa ɔɔhyɛ Nyankopɔn animuonyam ya nea asi he ho.
Na afei nna he mu a na asuafoɔ he ɔɔdɔɔso he, Yudafoɔ na beka Hela kasa a ɔno nti ne bɛfrɛ bɛ Helenifoɔ he nwiinwii tia Hebrifoɔ he, efiri sɛ na bebu bɛ ani gu Helenifoɔ akunafoɔ he daa daa aduane ma dwumadie so.
Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.