Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.
Homma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ bɛ ho ase nhyɛ mane mpanyimfoɔ tumi he ase; efiri sɛ Nyankopɔn ne ma nnipa tumi ma ɔde di dwuma, na Nyankopɔn ne de saa tumidie he sii hɔ.
a tete he bɛyɛɛ asoɔdenfoɔ, berɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a bɛɛyɔ adaka he mu. Yei mu ne akra kakraa bi a bɛyɛ nwɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.
Bɔfoɔ a ɔto so mmienu he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu po mu. Afei nsuo he danee te sɛ awufoɔ mogyaa, na abɔdeɛ biaa a nkwa yam ya po he mu he wuiɛ.