Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 2:23 - Apam Foforɔ

23 ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 2:23
39 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa ama bɛadi ne ho fɛw na bɛabɔ no mmaa, na bɛabɔ no asennuam, na da a ɔto so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


Nipa Ba he ɔɔkɔ sɛdeɛ bɛahyɛ ato hɔ ama no deɛ, nso nea ɔnam ne so beyi no ama he nnue! Sɛ bɛanwo saa nipa he mpo a nka ɔyɛ.”


Na bɛbɔɔ no asennuam wieeɛ he, bɛtwee ntonto kyɛɛ n’ataadeɛ maa bɛ ho bɛ ho;


Na bɛbɔɔ no asennuam, na bɛkyekyɛɛ ne ntoma mu, na bɛtwee so ntonto de huu nea otwa sɛ biaa nya.


ɔyam sɛ Nipa Ba he ɔɔkɔ sɛnea bɛahyɛ ato hɔ he deɛ; nso, nipa a obeyi no ama he nnue!”


Na meeka akyerɛ ho sɛ, otwa sɛ nea bɛatwerɛ yi bam fa me ho sɛ, ‘Bɛkane no fraa mmaratofoɔ.’ Na nea ɔfa me ho he anya abam.”


Berɛ a beduruu baabi a bɛfrɛ hɔ Golgota he, bɛbɔɔ Yesu ne nnebɔnyɛfoɔ he asennua mu, baako ya ne nifa, ne baako nso ya ne benkum.


ne sɛnea yɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atumfoɔ he yii no maeɛ ma bebuu no kumfɔ na bɛbɔɔ no asennua mu he.


Hɔ ne bɛbɔɔ ɔne nnipa mmienu asennua mu. Na nnipa mmienu he mu baako ya Yesu nifa ne baako nso ya ne benkum.


Nti bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hommma yɛ ntete mu, na mmom yɛntwe so ntonto nhwɛ nea ɔbɛyɛ ne deɛ.” Na yei ma twerɛ he baa mu sɛ, “Bɛkyekyɛɛ me ngusoɔ mu faeɛ, na bɛ twee m’ataadeɛ nso so ntonto.”


Na osiane sɛ bɛ a bɛtete Yerusalem ne bɛ sodifoɔ he anhu no na bɛante adiyifoɔ he nsɛm a bɛkenkanee no Homeda biaa he ase nti, bebuu no fɔ maa adiyifoɔ he nsɛm he baa mu.


Awurade a ɔma behuu yeinom nyinaa firi wiase ahyɛaseɛ he ne ɔɔka.’


Nti ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Nyankopɔn ayɔ Yesu yi a hobɔɔ no asennua mu he Awurade ne Kristo.”


Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane.


sɛ ɔmmɛyɔ nea wo nsa ne wo agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɔbɛba he.


na ɔkaa sɛ, “Yɛanhyɛ ho ketee sɛ honyina saa dini yi so nkyerɛkyerɛ? Na afei ɔyɛɛ dɛ ne hode ho nkyerɛkyerɛ yi ahyeta Yerusalem nyinaa, na hoabɔ ho tim pɔ sɛ hode nipa yi mogyaa bebua yɛ atifi.”


Yɛ agyanom Nyankopɔn nyanee Yesu a hosɛne no asennua so, na hokuu no he.


Adiyifoɔ he mu hwane ne ho agyanom antaa no? Bekuu bɛ a bɛhyɛɛ nkɔm faa Kronkronni he mmaeɛ ho, na afei hoayi no ama bɛaku no.


Dodoɔ a benni mmara na bɛyɔɔ bɔne he, bɛbɛkwati mmara he nso ayera, na bɛ a bɛya mmara ase na bɛyɔɔ bɔne nyinaa bɛde mmara he bebu bɛ atɛne.


sɛnea bɛatwerɛ sɛ “Maayɔ wo amane bebree bɛ agya,” Nyankopɔn a ɔgye no di he anim, nea ɔma awufoɔ nkwa, na ɔfrɛ adeɛ a onni hɔ ma no ba.


bɛ a bekuu Awurade Yesu ne adiyifoɔ he, na bɛpamoo yɛ; bɛansɔ Nyankopɔn ani na bɛko tia biaa


Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.


Ansa na Nyankopɔn bɔɔ wiase he, na waayi no dada, na ho nti ne nna a odi akyire yi he, wada no adi.


ne sintiboɔ ne sintiduatoɔ botane ama bɛ. Bɛne besonti, efiri sɛ bɛanyɛ setie amma asɛm he. Ɔno nti na beyii bɛ maeɛ.


Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ