22 “Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;
Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”
Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”
Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.
Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”
teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.”
Nɔkwasɛm di, hene a mede akokoɔduro ɔɔkasa akyerɛ no yi nim saa nsɛm yi mu yie, na menim sɛ nsɛm yi mu biaa nni hɔ a ahinta no, efiri sɛ ɔnyɛ adeɛ a bɛyɔɔ no kokoam.
Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi?
hedeɛ ho ne nnipa a hoya Israel nyinaa nhu sɛ ɔnam Nasareni Yesu Kristo a hobɔɔ no asennua mu a Nyankopɔn nyane no firii awufoɔ mu he dini so ne saa beema yi nyaa ayaresa.