14 Na Petro ne dubaako he sɔre gyinaeɛ; afei Petro teaam ka kyerɛɛ nnipa a bɛya hɔ he sɛ, “Yudafoɔ ne ho a hote Yerusalem nyinaa, honyɛ aso ntie nea meebɛka yi!
“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;
teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.”
Na Stefano buaa sɛ: “Anuanom ne agyanom, hontie me. Animuonyam Nyankopɔn he yii ne ho adi kyerɛɛ yɛ nana Abraham, berɛ a na ɔya Mesopotamia ansa na ɔɔkɔtena Haran he,
Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?