Frigia Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɔfa Kirene; afei binom nso yɛ ahɔhoɔ a befiri Roma, binom nso yɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he,
Osiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma bɛ sɛ bɛbɛtena hɔ awɔ berɛ mu he nti, nnipa he pii pɛɛ sɛ, sɛ ɔbɛyɛ yie a, nka hyɛne he betu afiri hɔ akɔ Foinike, a ɔyɛ hyɛngyinabea a ɔya Kreta a ɔda atifi ne anafoɔ ntam ya atɔeɛ fam, ɔyɛ baabi a bebetumi atena hɔ awɔberɛ mu.
Mframa a ano ɔdene bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa he susuu sɛ bebetumi atoa bɛ akwantuo he so sɛnea bɛahyehyɛ he. Nti betuu sɛkyɛ he de hyɛne he faa Kreta mpoano.
Hyɛne he kɔɔ bɔkɔɔ ma yedii nna pii ya po he so. Yɛbrɛeɛ ansa na yeeduru Kinido. Esiane sɛ na mframa ɔɔbɔ hyia yɛ nti, yɛfaa Kreta anaafoɔ fam baabi a na hɔ dwo sanee Salmone ho.
bi nso ɔma no nsɛnkyerɛnne, foforɔ nso nkɔmhyɛ, na foforɔ nso honhom ahodoɔ mu nhunumu, bi nso ɔma no kasa hodoɔ, na bi nso ɔma no kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ.
Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.