Yudafoɔ he bisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hefa ne nipa yi pɛ sɛ ɔkɔ a nti yenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a bɛahwete Helafoɔ mu he nkyɛne na ɔkɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ he anaa?
Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.
Afei nso, hoahu na hoate sɛnea ɔnyɛ Efeso nko na Paulo yi adane nnipakuo pii adwene ama bɛanya adwene foforɔ, na mmom ɔkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea bɛde nsa ayɔ he nyɛ anyame.
Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.