2 Na ohuu Yudani bi a bɛfrɛ no Akwila, Pontoni bi a na ofiri Italia aba ne nkyɛne, ne ne yerɛ Priskila, efiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Nti ɔkɔɔ bɛ nkyɛne.
Nso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho hɔ he, ɔne agyidifoɔ he dii nkra na ɔde po so hyɛne firii hɔ kɔɔ Siria a na Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔbɔɔ ti kwa ya Kenkrea, efiri sɛ, na berɛ a ɔde asi hɔ sɛ ootua ne ho nnoɔma bi he aba awieeɛ.
Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde akokoɔduro ɔɔkasa hyiadane he mu, nso berɛ a Priskila ne Akwila tiee no he, bɛfaa no kɔɔ nkyɛne baabi kyerɛkyerɛɛ no Nyankopɔn kwane he mu pɛpɛɛpɛ.
Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.
Me Petro, Yesu Kristo somafoɔ, twerɛ saa krataa yi de kɔma Nyankopɔn nnipa a bɛayi bɛ a bɛahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu he.