3 Na Paulo pɛɛ sɛ Timoteo di n’akyi. Na osiane Yudafoɔ a na bɛya hɔ he nti, ɔfaa no twaa no twetia, efiri sɛ na bɛ nyinaa nim sɛ ne papa yɛ Helani.
na yɛntwerɛ nkɔma bɛ sɛ, bɛntwe bɛ ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a bɛanhwie bɛ mogyaa angu na bewuiɛ, ɔne mogyaa ho.
Barnaba pɛɛ sɛ bɛde Yohane a ɔsane de Marko he ka bɛ ho.
Paulo nso faa Silas, na berɛ a agyidifoɔ de Paulo hyɛɛ Awurade adom ase he, befirii hɔ kɔeɛ.
twetiatwa nka hwee, saa ara nso ne sɛ bentwaa bi twetia a ɔno nso nseɛ bibiaa; mmom Nyankopɔn mmara so die ne hia.
Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a menya bɛ ama Kristo, meyɛɛ me ho sɛdeɛ mehyɛ mmara ase (ɔyam sɛ menhyɛ mmara ase deɛ) maa bɛ a bɛhyɛ mmara ase, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a menya bɛ ama Kristo.
Nso bɛanhyɛ Tito mpo a na ɔka me ho a ɔyɛ Helani he sɛ ontwa twetia.
(na nea ɔde Petro yɔɔ adwuma sɛ somafoɔ maa twetiatwafoɔ he, ɔno ankasa nso ne yɔɔ me mu adwuma sɛ ɔɔsoma me Amanamane mufoɔ mu),
Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.
Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.