na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa honim pefee sɛ mmara mma kwane sɛ Yudani ne abusua foforɔ munii bɛbɔ anaa ɔbɛbɛne no, nso Nyankopɔn akyerɛ me sɛ ɔnsɛ sɛ mefrɛ nipa biaa sɛ ne ho agu fi anaa ne ho nte.
Hedeɛ asɛm he ne sɛ? Nti yɛ Yudafoɔ he kyɛne bɛ a bɛaka he anaa? Daabi, ɔnte saa koraa; efiri sɛ yɛadi kane aka sɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, biaa hyɛ bɔne tumi ase,
twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a ɔya Korinto, ɔne bɛ a Nyankopɔn ate bɛ ho Kristo Yesu mu na wafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɛ ahoteefoɔ, ɔne bɛ a bɛbɔ yɛ ne ho nyinaa Awurade Yesu Kristo dini baabiaa.
Ho mu bi ya hɔ a onyaa frɛ he na bɛatwa no twetia? Mma no nnyɛ ne ho sɛ bi a bentwaa no twetia. Anaa ho mu bi ya hɔ a onyaa frɛ he na ontwaa twetia? Nnhyɛ biaa mma no ntwa twetia efiri sɛ,
Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.