Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 15:7 - Apam Foforɔ

7 Na bɛgyee ho akyinnye pii he, Petro sɔre ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ho ankasa honim sɛ mfitiaseɛ heaa ne Nyankopɔn yii me yɛ mu sɛ mene amanamane mufoɔ mfa m’anum asɛm so nte asɛmpa he na bɛnnye nni.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 15:7
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Yohane buaa sɛ, “Nipa ntumi nya bibi gye sɛ bɛde firi soro ama no.


“Anuanom, otwa sɛ twerɛsɛm a Honhom Kronkron nam Dawid so ka faa Yuda a ɔkyerɛɛ bɛ a bɛkyee Yesu he kwane maa bɛkyee no he ba mu.


Na bɛbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim nnipa nyinaa akomam, kyerɛ mmienu yi baako a woayi no


Berɛ a Petro gu so ɔɔdwennwene anisoadehunu he ho he, Honhom he kaa sɛ, “Hwɛ, nnipa mmeɛnsa bi ɔɔhwehwɛ wo.


Wo deɛ, sɔre, si fam na wo ne bɛ nkɔ berɛ a wontwentwɛne wo nane ase, efiri sɛ me ne m’asoma bɛ.”


Berɛ a bɛɛsom Awurade na bɛɛyɔ akɔmkyene he, Honhom Kronkron he kaa sɛ, “Honyi Barnaba ne Saulo mma me, na bɛnkɔ yɔ adwuma a mafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɔ he.”


Simon aka sɛnea kane Nyankopɔn kɔhwɛɛ amanamane he, sɛ ooyi mane bi afiri bɛ mu ama ne dini.


Na Paulo ne Barnaba ne bɛ dii anobaabaeɛ asɛm he ho wieeɛ he, beyii Paulo ne Barnaba ne nnipa binom kaa ho sɛ bɛnkɔ Yerusalem na bɛ ne asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he nkɔ booboo asɛm he ho.


Yei de akasakasaa a mu ɔdene baeɛ, na bedii mpaepaemu; Barnaba faa Marko kaa ne ho ma bɛfaa po so hyɛne de kɔɔ Kipro.


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


Asuafoɔ a bɛya Kaesarea nso ne yɛ kɔeɛ de yɛ koduruu Kiproni Minason a na ɔyɛ asuafoɔ adikanfoɔ he mu bi fie. Na yɛ ne no tenaeɛ.


Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane.


na wonam Honhom Kronkron so faa yɛ nana Dawid a ɔyɛ w’akoa so kaa sɛ: ‘Ɛɛne nti ne Amanamane yɛ gyegyeegye na nkurofoɔ susu ade hunu?


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Si kwane so kɔ, efiri sɛ beema yi ne nea mayi sɛ ɔmfa me dini nkɔ amanamane ne ahene ne Israel mma nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ