Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 15:4 - Apam Foforɔ

4 Na beduruu Yerusalem he, asafo he ne asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he gyee bɛ, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ ayɔ nyinaa kyerɛɛ bɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 15:4
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso.


na bɛyɔɔ saa, somaa Barnaba ne Saulo ma bɛde kɔmaa mpanyimfoɔ he.


Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.


Na nnipadɔm he nyinaa yɛɛ komm, na betiee Barnaba ne Paulo berɛ a bɛkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Nyankopɔn nam bɛ so ayɔ ama amanamane mufoɔ ho asɛm.


Na Paulo ne Barnaba ne bɛ dii anobaabaeɛ asɛm he ho wieeɛ he, beyii Paulo ne Barnaba ne nnipa binom kaa ho sɛ bɛnkɔ Yerusalem na bɛ ne asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he nkɔ booboo asɛm he ho.


Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu.


Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse.


Na asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he behyiaa sɛ bɛɛbɛdwendwene asɛm yi ho.


Afei berɛ a bɛnenam nkuro he so he bɛde mmara a asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ a bɛya Yerusalem asi ho gyinaeɛ he maa bɛ sɛ benni so.


Afei esiane sɛ na ɔpɛ sɛ otware kɔ Akaia nti, agyidifoɔ he hyɛɛ ne nkurane, na bɛtwerɛɛ krataa kɔmaa asuafoɔ he srɛɛ bɛ sɛ bɛnnye no fɛ so. Nti berɛ a oduruu hɔ he, ɔboaa bɛ a bɛnam Nyankopɔn adom so agye adi he paa,


Berɛ a yeduruu Yerusalem he, anuanom de anigyeɛ gyee yɛ.


Na ɔkyea bɛ wieeɛ he, ofirii aseɛ kaa nea Nyankopɔn nam ne som adwuma he so ayɔ no Amanamane mufoɔ mu he nyinaa kyerɛɛ bɛ.


Nti menhyɛ me ho nka asɛm biaa gye nea Kristo nam me so ayɔ ama Amanamane mufoɔ setie ya asɛm ne adwuma mu


Nti, honnye biaa mma ɔnhyɛ Nyankopɔn animuonyam, sɛnea Kristo nso agye ho he.


Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.


ɔne sɛ, na Nyankopɔn nam Kristo so ɔɔpata atwe wiase aba ne nkyɛne a, ommu bɛ bɔne ntia bɛ, na ɔde mpata asɛm ama yɛ.


Na yɛ a yɛne no bom yɔ adwuma he tu ho nso fo sɛ hommma Nyankopɔn adom a hoanya he nyɛ kwa;


Aristarko, me yɔnko deduani kyea ho, saa nso ne Marko a ɔyɛ Barnaba nua nso kyea ho, nea mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ ho sɛ, sɛ ɔba ho nkyɛne a, wonnye no fɛ so he.


Sɛ bi ba ho nkyɛne na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammra ho a, honnnye no nkɔ ho fie, na honnkyea no nka sɛ, “Asomdwie nka wo,”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ