Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 15:3 - Apam Foforɔ

3 Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 15:3
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Berɛ a Amanamane mufoɔ tee yei he, bɛ ani gyeeɛ, na bɛhyɛɛ Awurade asɛm animuonyam, na dodoɔ a na Nyankopɔn ayi bɛ ama daa nkwa he bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Na anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ he ma.


Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.


Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”


Na nnipadɔm he nyinaa yɛɛ komm, na betiee Barnaba ne Paulo berɛ a bɛkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Nyankopɔn nam bɛ so ayɔ ama amanamane mufoɔ ho asɛm.


Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu.


Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene.


Na beduruu Yerusalem he, asafo he ne asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he gyee bɛ, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ ayɔ nyinaa kyerɛɛ bɛ.


Bɛ a bekogyaa Paulo kwane he de no koduruu Atene. Na ɔmaa bɛ nkra sɛ bɛnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ bɛmmra ne nkyɛne ntɛm so he, befirii hɔ kɔeɛ.


dii awerɛhoɔ ne titire ka a ɔkaa sɛ benhu no bio he ho. Na afei bɛde no kɔɔ kodoɔ he ho.


Yɛ nna he soeɛ he, yefirii hɔ toaa yɛ akwantuo he so. Na bɛ nyinaa bɛne bɛ ayerɛ ne bɛ mma kogyaa yɛ kwane kosii kurotia. Na yebuu nkotodwe mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ


Na agyidifoɔ tee yɛ nka he, befirii hɔ behyiaa yɛ Apia Dwa so ne bea bi a bɛfrɛ hɔ Nsadane-Mmeɛnsa, na Paulo ani bɔɔ bɛ so pɛ na ɔdaa Nyankopɔn ase na otwaa n’akoma too ne yam.


Na afei asomafoɔ a bɛya Yerusalem tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm he, bɛsomaa Petro ne Yohane kɔɔ bɛ nkyɛne.


Da biaa a metu kwane akɔ Spania he, m’ani da so sɛ, mɛfa hɔ a, mehu ho anim, na sɛ megye m’ani kakra ho nkyɛne a, hoagya me kwane akɔ hɔ.


nti mma biaa mmu no animtia. Honya no kwane asomdwie mu, na ɔmmra me nkyɛne, na meehwɛ ɔne anuanom binom anim.


Na ebia na matena ho nkyɛne kakraa bi anaa mpo medi awɔberɛ he nyinaa ya ho nkyɛne, na hoagya me kwane ama makɔ baabi a mɛkɔ.


Mepɛɛ sɛ, sɛ meekɔ Makedonia a, medi kane aba ho nkyɛne, na meesane aba nso a, mafa ho nkyɛne bio na hoagya me kwane ama makɔ Yudea.


Bɔ mmɔdene sɛ wobegya mmaranimfoɔ Sena ɔne Apolo kwane a bibiaa onhia bɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ