Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 13:52 - Apam Foforɔ

52 Na anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ he ma.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 13:52
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


Nti asuafoɔ he nyinaa bɔɔ bɛ adwene pɔ sɛ bɛde nnoɔma biaa bebetumi ayi bɛkɔ akɔsom agyidifoɔ a bɛya Yudea he,


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Befirii Sanhedrin he anim kɔeɛ, na bɛ ani gyee sɛ Yesu dini nti bɛfata sɛ begu bɛ anim ase.


efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he mfa adidie ne nom ho, na mmom ne nyinasoɔ ne tenenee ne asomdwie ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


Anidasoɔ Nyankopɔn ankasa nhyɛ ho ma anigyeɛ ne asomdwie nyinaa mu gye a hoogye adi ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛboro so anidasoɔ nyinaa mu Honhom Kronkron tumi mu.


Na ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛhoahoa yɛ ho ya yɛ amanehunu mu, yenim sɛ amanehunu de yɔkoduru ba,


ɔne sɛ bɛ ahohia sɔhwɛ kɛseɛ mu he, berɛ a na bɛya hia bebree mu mpo he, bɛ anigyeɛ buu so maa beyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Na hosuasuaa yɛ ne Awurade, efiri sɛ, ahohiahia pii mu mpo, hode Honhom Kronkron anigyeɛ gyee asɛm he,


Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ,


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ