Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 13:5 - Apam Foforɔ

5 Berɛ a beduru Salami he, befirii aseɛ bɔɔ Nyankopɔn asɛm he dawuro Yudafoɔ hyia adane mu. Na Yohane boaa bɛ bɛ dwumadie mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 13:5
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔnsɛ sɛ ho deɛ hoyɔ saa; na deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ ho mu he ɔsɛ sɛ ɔyɛ ho mu somfoɔ,


Na ohuu yei he, ntɛmaa ɔkɔɔ Yohane a na ɔsane de Marko he maame Maria fie. Na nnipa pii ahyia hɔ ɔɔbɔ mpaeɛ.


Na Barnaba ne Saulo wiee bɛ dwumadie he, bɛsane baa Yerusalem bɛfaa Yohane a bɛfrɛ no Marko he kaa bɛ ho sane baeɛ.


Nso bɛde bɛ firii Perge baa Antiokia a ɔya Pisidia, na bɛkɔɔ hyiadane mu homeda kɔtenaa ase.


Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.


Saa asɛm korɔ heaa bi sii Ikonium. Berɛ a bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu he bɛkasa maa nnipakuo kɛseɛ bi a befiri Yudafoɔ ne Helafoɔ mu bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Barnaba pɛɛ sɛ bɛde Yohane a ɔsane de Marko he ka bɛ ho.


Nti ɔne Yudafoɔ ne nnipa a aka a bɛsom Nyankopɔn he susuu nsɛm ho hyiadane he mu, na da biaa na ɔkɔ bɛ a obenya bɛ he nso nkyɛne dwa so.


Nso, homeda biaa, na ɔka asɛm hyiadane mu ma Yudafoɔ ne Helafoɔ gye di.


Nti ɔsomaa n’aboɔfoɔ he mu mmienu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa deɛ, ɔtenaa Asia mantam he mu kyɛree kakra.


Nti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na bɛ nyinaa de koma koro bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na bɛkyee Gaio ne Aristarko a bɛyɛ Makedoniafoɔ ne Paulo akwantuo mu ahokafoɔ he.


Paulo kɔɔ hyiadane he mu, de akokoɔduro kasaeɛ, na bosome mmeɛnsa ne ɔkasaeɛ, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm a ɔtɔ asum.


Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.”


Aristarko, me yɔnko deduani kyea ho, saa nso ne Marko a ɔyɛ Barnaba nua nso kyea ho, nea mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ ho sɛ, sɛ ɔba ho nkyɛne a, wonnye no fɛ so he.


Luka nkoaa ne ya me nkyɛne. Fa Marko ka wo ho bra, efiri sɛ ne ho hia me som adwuma mu paa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ