Na ɔde ne nsa yɔɔ nsɛnkyerɛnee kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnyɛ dinn. Na ɔkyerɛɛ bɛ kwane a Awurade nam so yii no firii afiase hɔ. Na ɔkaa bio nso sɛ, “Honkɔka yei nkyerɛ Yakobo ne agyidifoɔ he.” Na ofirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.
Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.
Na Petro ne dubaako he sɔre gyinaeɛ; afei Petro teaam ka kyerɛɛ nnipa a bɛya hɔ he sɛ, “Yudafoɔ ne ho a hote Yerusalem nyinaa, honyɛ aso ntie nea meebɛka yi!
“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;
Berɛ a ɔmaa no kwane he, Paulo a na ogyina dane-atwedeɛ so he nyamm ne nsa kyerɛɛ nnipa he. Afei berɛ a hɔ yɛɛ komm he, ɔde Hebri kasa ka kyerɛɛ bɛ sɛ:
Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi?
“Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.”
Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’