Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 13:12 - Apam Foforɔ

12 Afei berɛ a amrado he huu nea asi he, ɔgye diiɛ, efiri sɛ Awurade ho nkyerɛkyerɛ he yɛɛ no ahodwiri.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 13:12
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Na bɛ nyinaa bedii ne ho adanse-pa, na adom nsɛm a ɔkaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ, na bebisaa sɛ, “Nyɛ Yosef ba yi di?”


Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!”


Awɛmfoɔ he buaa sɛ, “Nipa biaa nkasaa sɛ beema yi da!”


Berɛ a Amanamane mufoɔ tee yei he, bɛ ani gyeeɛ, na bɛhyɛɛ Awurade asɛm animuonyam, na dodoɔ a na Nyankopɔn ayi bɛ ama daa nkwa he bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Nti Nyankopɔn asɛm he trɛɛ pom hɔ nyinaa.


na ɔya Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ nyansani he nkyɛne. Berɛ a bɛfrɛɛ Barnaba ne Saulo maa no he, amrado he hwehwɛɛ sɛ ɔbɛte Nyankopɔn asɛm.


Nso na nkonyaayifoɔ Elima (a Hela kasaa mu bɛfrɛ no Bar-Yesu) ya hɔ; ofirii aseɛ ne bɛ dii asie, pɛɛ sɛ ɔdane amrado he firi gyidie he ho.


Na Paulo ne Barnaba kɔɔ so tenaa Antiokia, na bɛ ne nnipa foforɔ binom kyerɛkyerɛeɛ na bɛkaa Awurade asɛm.


Nna bi akyi he Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Bra, na yɛnsane nkɔ na yɛnkɔsra agyidifoɔ a bɛya nkuro he mu a yɛkaa Awurade asɛm kyerɛɛ bɛ he na yɛnhwɛ sɛnea bɛ ho teɛ.”


Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim


Yei toa so mfie mmienu, na bɛ a bɛte Asia mpɔtamu nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa, tee Awurade asɛm.


Saa ara ne Awurade asɛm nam ahoɔdene so kɔɔ so trɛeɛ, na aseɛ timiiɛ.


Nti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a bɛka ne ho he wɔ bi ho asɛm a, nna a bedi asɛm ya hɔ, na amradofoɔ nso ya hɔ; sɛ bi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa nkɔ ma badwa he.


Afei na supɔ he so kunyini a bɛfrɛ no Publio he wɔ nsaase ya mpɔtamu hɔ. Na ɔgyee yɛ fɛ so de nnansa som yɛ hɔhoɔ fɛ so.


Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.


Afei Petro ne Yohane dii adanseɛ na bɛkaa Awurade asɛm wieeɛ he, bɛsane kɔɔ Yerusalem, na bɛkaa asɛm pa he Samaria Nkuraa pii ase.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ