Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 13:1 - Apam Foforɔ

1 Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 13:1
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Befirii adi ɔɔkɔ he, bɛtoo Kireneni beema bi a bɛfrɛ no Simon; ɔno ne bɛhyɛɛ no maa no soaa Yesu asennua he.


Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so.


na bɛyɔɔ saa, somaa Barnaba ne Saulo ma bɛde kɔmaa mpanyimfoɔ he.


Na Barnaba ne Saulo wiee bɛ dwumadie he, bɛsane baa Yerusalem bɛfaa Yohane a bɛfrɛ no Marko he kaa bɛ ho sane baeɛ.


Afei Saulo a na bɛsane frɛ no Paulo a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma he hwɛɛ no gyee


Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene.


Na Paulo ne Barnaba kɔɔ so tenaa Antiokia, na bɛ ne nnipa foforɔ binom kyerɛkyerɛeɛ na bɛkaa Awurade asɛm.


Na Paulo de ne nsa guu bɛ so he, Honhom Kronkron he baa bɛ so, na bɛkaa kasa hodoɔ hyɛɛ nkɔm.


Na ɔwɔ mma mmaa nnan bi a bɛnwareeɛ a na bɛyɛ nkɔmhyɛfoɔ.


Nti Yosef a asomafoɔ he too ne dini Barnaba, a asekyerɛ ne Futufoɔ, Lewini a ofiri Kipro,


Na Saulo a na ɔda so hunahuna Awurade asuafoɔ he na ɔpɛ sɛ okuku bɛ he kɔɔ sɔfo panyini he nkyɛne


Timoteo, me yɔnko dwumayɔni, ne Lukio ne Yason ne Sosipatro a bɛyɛ m’abusuafoɔ kyea ho.


Beema biaa ɔɔbɔ mpaeɛ anaa ɔɔhyɛ nkɔm na waakata ne ti so he hyɛ ne ti aniwuo,


Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Dɔ to ntwa da. Na nkɔmhyɛ deɛ, obetwam akɔ, kasa ahodoɔ nso bɛgyae; nimdeɛ nso bɛba awieeɛ,


Homma adiyifoɔ mmienu anaa mmeɛnsa nkasa, na nkaeɛ he nkari adiyie he nhwɛ.


efiri sɛ adiyifoɔ he wɔ tumi ya adiyie adom akyɛdeɛ he so.


Anaa me ne Barnaba deɛ, yenni ho kwane sɛ yegyae adwuma yɛyɔ pɛ yɛ ano aduane he?


Na Yudafoɔ a bɛaka he nso faa saa nyaatwom kwane he so yɔɔ saa, ɔnam saa so maa bɛde saa nyaatwom he twee Barnaba mpo kɔɔ bɛ afa.


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Ahoteefoɔ he nyinaa kyeakyea ho, ne titire bɛ a befiri amrado fie he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ