Da a odi twam, kyerɛ sɛ afahyɛ a bedi Paanoo a Mmɔreka nni mu, kane he, asuafoɔ he baa Yesu nkyɛne bebisaa sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yesiesie ma wodi Twam aduane he?”
Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.
Na ne nsa kaa no he, ɔde no too afiase de no hyɛɛ akuo nnan a asraafoɔ nnan ya mu biaa mu nsa sɛ bɛnwɛne no nnidisoɔ nnidisoɔ, a na wayɛ n’adwene sɛ, Twam Afahyɛ he akyi he, ɔde no bɛma nkurofoɔ he.
Na Petro ne dubaako he sɔre gyinaeɛ; afei Petro teaam ka kyerɛɛ nnipa a bɛya hɔ he sɛ, “Yudafoɔ ne ho a hote Yerusalem nyinaa, honyɛ aso ntie nea meebɛka yi!
Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.
Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.
na sɛdeɛ Nyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa he hyɛ yɛ nsa he, saa ara nso ne yɛkasa, ɔnyɛ sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom Nyankopɔn a ɔsɔ yɛ akoma hwɛ he ani.