2 Nti berɛ a Petro baa Yerusalem he, bɛ a bekura twetiatwa nhyehyɛeɛ mu he kasakasaeɛ
Agyidifoɔ a bɛatwa bɛ twetia a na bɛ ne Petro nam he ho dwirii bɛ sɛ akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he asiane agu amanamane mufoɔ mpo so,
Adeɛ kyeeɛ a bɛnam kwane so ɔɔkɔ na bɛɛyɛ aduru kuro he mu he, Petro kɔɔ dane he atifi bɛyɛ awia dummienu berɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ.
Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”
Na Farisifoɔ he mu binom a bɛagye Nyankopɔn asɛm adi he sɔre kaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ betwa bɛ twetia na bɛhyɛ bɛ sɛ benni Mose mmara so.”
Na Yesu a bɛfrɛ no Yusto he nso kyea ho. Bɛne befiri bɛ a bɛatwa bɛ twetia he mu. Yeinom nkoaa ne me mfɛfoɔ ya Nyankopɔn ahennie he fam, na bɛabɛyɛ aboafoɔ a bɛahyɛ me dene.
Nnipa bebree nso ya hɔ a bɛte atua, bɛyɛ kasahunufoɔ na bɛyɛ nnaadaafoɔ, ne titire ne bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu he;