9 Adeɛ kyeeɛ a bɛnam kwane so ɔɔkɔ na bɛɛyɛ aduru kuro he mu he, Petro kɔɔ dane he atifi bɛyɛ awia dummienu berɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ.
Berɛ a ɔkɔɔ abɔntene bio bɛyɛ awigyina ne bɛyɛ nnɔn mmeɛnsa he, ɔyɔɔ saa.
deɛ ɔya dane atifi he nnsiane nkɔfa bibi ne dane mu;
Na ofiri awigyina ɔɔkɔ he, sum baa asaase he nyinaa so kosii awia nɔn mmeɛnsa.
Na wo deɛ, sɛ woobɔ mpaeɛ a, kɔhyɛ wo dane mu na to wo ho pono mu na bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.
Anɔpa a animu nteteeɛ he, Yesu sɔre kɔhyɛɛ kokoam baabi, na ɔbɔɔ mpaeɛ hɔ.
Ogyaa bɛ kwane wieeɛ he, ɔkɔɔ bepɔ he so kɔbɔɔ mpaeɛ.
Bɛyɛ awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu he, ohuu Nyankopɔn bɔfoɔ pefee anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛne na ɔɔfrɛɛ no sɛ, “Konelio.”
na yɛ nso yebetu yɛ ho asi hɔ ama mpaebɔ ne asɛm he nkyerɛkyerɛ.”
Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.
Nti mepɛ sɛ, berɛ biaa a hobehyia asom he, mmeema mmɔ mpaeɛ, mma nsa kronkron so a abufuo ne akyinnye nnim;