Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.
Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!
Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he.