Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 1:8 - Apam Foforɔ

8 na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 1:8
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba.


Hwɛ, maama ho tumi a hode betiatia awɔ ne naanantwi so, ne nea hode bedi tamfoɔ he tumi nyinaa so, na bɔne biaa ɔnto ho da.


Nso bɛhyɛɛ no dendenndene sɛ “Tena yɛ nkyɛne, efiri sɛ nwunu adwo, na adeɛ anya asa.” Nti ɔkɔtenaa bɛ nkyɛne.


Ho nso ɔsɛ sɛ hodi adanseɛ efiri sɛ ho ne me atena ase firi mfitiaseɛ he.


ofiri Yohane asubɔ so de besi da a bɛfaa no firii yɛ nkyɛne kɔɔ soro he mu baako ne yɛ yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.”


sɛ, Yohane deɛ, ɔde nsuo ne bɔɔ asu, na ho deɛ, nna yi mu, ɔnkyɛre bɛbɛbɔ ho asu Honhom Kronkron mu.”


na bɛ a bɛne no firi Galilea kɔɔ Yerusalem he huu no nna pii, na seesei bedi ne ho adanseɛ kyerɛ nkurofoɔ.


Yesu yiaa ne Nyankopɔn anyane no; yɛ nyinaa yɛyɛ ho adansefoɔ.


efiri sɛ wobedi nea woahu na woate he ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa ama no.


Na hokuu nkwa Farebae he, nea Nyankopɔn nyanee no firii awufuom he. Yɛyɛ yei ho adansefoɔ.


Asomafoɔ he de tumi kɛseɛ dii adanseɛ faa Awurade Yesu wusɔreɛ he ho, na adom kɛseɛ baa bɛ nyinaa bɛ so.


Na yɛyɛ nsɛm he ho adansefoɔ, na Honhom Kronkron a Nyankopɔn de ama bɛ a betie no he nso di adanseɛ.”


Afei Stefano a na adom ne tumi ahyɛ no ma he, yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne akɛseɛ nnipa he mu.


Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa.


Nso meebisa sɛ, bɛntee koraa? Nɔkwasɛm ne sɛ bɛate; efiri sɛ “Bɛapae mu aka no asaase nyinaa so, na bɛ nsɛm nso aduru wiase afanaa nyinaa.”


tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko.


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ