Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 1:3 - Apam Foforɔ

3 N’amanehunu akyi he, ɔnam adanseɛ pii so yii ne ho adi kyerɛɛ bɛ sɛ ɔte ase maa behuu no adaduannan ntam. Na ɔkaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 1:3
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti meeka akyerɛ ho, bɛbɛgye Nyankopɔn ahennie he afiri ho nsam na bɛde ama bɛ a bɛsõ ahennie he ho aba.”


Na ntɛmaa, Yesu hyiaa bɛ kaa sɛ, “Asomdwie nka ho!” Na bɛbaa ne nkyɛne bɛsɔɔ ne nane koto sɔree no.


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Odii mmuada adaduannan, awia ne anadwo, na yei akyi he kɔm dee no.


Na afei Awurade Yesu ne bɛ kasa wieeɛ he, Nyankopɔn maa no so kɔɔ soro kɔtenaa ne nsa nifa so.


Ne nnawɔtwe akyi he, na asuafoɔ he ya dane mu bio a na Toma nso ka ho. Ewom sɛ na bɛatoto apono he mu deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfinfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwie nka ho!”


Yei akyi he, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ he bio Tiberia po ho. Na oyii ne ho adi saa kwane yi so.


Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu he, oyii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ he.


na bɛ a bɛne no firi Galilea kɔɔ Yerusalem he huu no nna pii, na seesei bedi ne ho adanseɛ kyerɛ nkurofoɔ.


Paulo kɔɔ hyiadane he mu, de akokoɔduro kasaeɛ, na bosome mmeɛnsa ne ɔkasaeɛ, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm a ɔtɔ asum.


Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.


na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm de nnamyɛ kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ Awurade Yesu Kristo ho nsɛm a bibiaa ansi ho kwane.


Na afei, berɛ a bɛgyee Filipo a na ɔɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa ne Yesu Kristo dini he diiɛ he, ɔbɔɔ bɛ asu, mmaa ne mmeema nyinaa.


efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he mfa adidie ne nom ho, na mmom ne nyinasoɔ ne tenenee ne asomdwie ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


Ɔno ne agye yɛ afiri sum tumi mu, na ɔde yɛ akotim ne dɔ Ba he ahennie mu,


sɛ honnante sɛnea ɔsɛ Nyankopɔn a wafrɛ ho akɔ n’ahenie ne n’animuonyam mu he.


Nea na ɔya hɔ firi mfitiaseɛ, nea yɛate, nea yɛde yɛ ani ahu, nea yɛhwɛɛ no yie na yɛde yɛ nsa kaeɛ a ɔfa nkwa asɛm he ho he,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ