Na ogu so ɔɔkasa he, Yuda a ɔyɛ dummienu he mu baako beduru hɔ, na nnipadɔm pii ka ne ho a bekitakita asekane ne mmaa a na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ na asoma bɛ.
Amonom hɔaa, ogu so ɔɔkasa he, Yuda, dummienu he mu baako beduruiɛ; na nnipadɔm a bekitakita asekane ne mmaa a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanyimfoɔ he mu ne no ne baeɛ.
Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’
Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”
Na bɛgyee ho akyinnye pii he, Petro sɔre ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ho ankasa honim sɛ mfitiaseɛ heaa ne Nyankopɔn yii me yɛ mu sɛ mene amanamane mufoɔ mfa m’anum asɛm so nte asɛmpa he na bɛnnye nni.
Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.”
Na osiane sɛ na bɛ adwene nhyia nti, befirii aseɛ sɛ bɛɛkɔ, na Paulo de asɛm yi kaa ho sɛ, “Honhom Kronkron faa diyifoɔ Yesaia so kaa no yei kyerɛɛ ho nananom sɛ:
Na Stefano buaa sɛ: “Anuanom ne agyanom, hontie me. Animuonyam Nyankopɔn he yii ne ho adi kyerɛɛ yɛ nana Abraham, berɛ a na ɔya Mesopotamia ansa na ɔɔkɔtena Haran he,